Psalms 49

Ahonya mu ahotoso yɛ nkwaseasɛm

1Obiara ntie saa asɛm yi!
Muntie, nnipa a mowɔ mmaa nyinaa,
2akɛse ne nketewa, adefo ne ahiafo nyinaa.
3Mʼadwenem bɛdɔ.
Mɛka anyansasɛm.
4Mebu bɛ na makyerɛ ase bere a merebɔ me sanku.
5Minsuro bɔne bi bere a atamfo
6ne nnebɔneyɛfo a wɔde wɔn ho to ahonya so na wɔhoahoa wɔn ho wɔ wɔn ahonya mu no atwa me ho ahyia.
7Onipa ntumi nnye ne ho mfi ɔhaw mu; ɔrentumi ntua ne nkwa ho ka mma Onyankopɔn.
8Efisɛ, onipa nkwa so akatua bo yɛ den.
Nea obetumi atua no
9rentumi ntwe no mfi damoa mu mma ɔntena nkwa mu daa daa.
10Obiara nim pefee sɛ anyansafo mpo wu.
Saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu.
Wɔn nyinaa gyaw wɔn ahonya no hɔ ma wɔn asefo.
11Wɔn adamoa yɛ wɔn fi afebɔɔ.
Ɛwom sɛ na wɔwɔ wɔn ara wɔn nsase nanso ɛhɔ na wɔtena daa nyinaa.
12Onipa kɛseyɛ rentumi nnye no nkwa mfi owu mu.
Ɛyɛ dɛn ara a, obewu te sɛ nea mmoa nso wu.
13Hwɛ nea ɛba wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ho so no so, nea ɛba wɔn a wɔn ani sɔ wɔn ahonya no so.
14Wɔadome wɔn sɛ wonwu sɛ nguan, na Owu na ɔbɛyɛ wɔn hwɛfo.
Atreneefo bedi wɔn so nkonim bere a wɔn honam aporɔw wɔ asaman a ne kwan ne wɔn afi ware no.
15Nanso Onyankopɔn begye me.
Obegye me afi owu tumi ase.
16Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnhaw wo; na sɛ onya ma ɛboro so nso a, saa ara.
17Sɛ owu a, ɔrentumi mfa nkɔ.
Nʼahonya no ne no renkɔ damoa mu.
18Mpo sɛ obi ani sɔ asetena yi na esiane sɛ odi yiye nti, nnipa kamfo no a,
19ɔbɛkɔ akɔka nʼasefo ho wɔ owu mu a esum wɔ hɔ daa nyinaa no.
20Onipa kɛseyɛ rentumi nnye no mfi owu mu; obewu te sɛ nea mmoa wu ara pɛ!
Copyright information for TwiNAK